Afrafra awadeɛ. Esra ahonu mpaebɔ 1 Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho, 2 ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware […]
Author Archives: admin
Esra 10
Mmaa ananafoɔ pamo 1 Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ. 2 Ɛnna Yehiel ba Sekania a ɔfiri Elam mma […]
2 Berɛsosɛm 1
Salomo bisa AWURADE hɔ nyansa 1 Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE dii n’akyi na ɔmaa no soo kɛseɛ pa ara. 2 Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa. 3 […]
2 Berɛsosɛm 2
Asɔrefie no sie ho ahoboaboa 1 Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie. 2 Na Salomo kann nnesoafoɔ mpemaduɔson ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfoɔ mpensa ahansia. 3 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no […]
2 Berɛsosɛm 3
Asɔrefie sie no mfitiaseɛ 1 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ. 2 Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu. 3 Na yei ne fapem a […]
2 Berɛsosɛm 4
Asɔrefie ho nnoɔma no yɛ 1 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, ne ntwemu, basafa aduonu, na ne trɛ, basafa aduonu, na ne korɔn, basafa du. 2 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no kurukuruwa. Ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa du. Na basafa nnum ne ne korɔn, na basafa aduasa homa twa ho hyia. 3 Na ntoa nsɛsoɔ […]
2 Berɛsosɛm 5
Asɔrefie no dwira 1 Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu. Wɔde Apam Adaka no ba Asɔrefie hɔ 2 Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire […]
2 Berɛsosɛm 6
Salomo kasa kyerɛ ɔman no 1 Ɛnna Salomo kaa sɛ: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena sum kusuu mu. 2 Na me deɛ, masi tenabea mama wo, na masiesie baabi a wobɛtena hɔ daa. 3 Na ɔhene danee n’ani hyiraa Israel badwa no nyinaa. Na Israel badwa no nyinaa gyina hɔ. 4 Na ɔkaa sɛ: Nhyira ne […]
2 Berɛsosɛm 7
Asɔrefie dwira no awieeɛ 1 Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma. 2 Na asɔfoɔ no antumi anhyɛne AWURADE dan no mu, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma. 3 Na Israel mma no […]
2 Berɛsosɛm 8
Salomo mmɔdemmɔ 1 Na Salomo de mfeɛ aduonu sisii AWURADE fie ne ne fie no wieeɛ no, 2 ɔkyekyeree nkuro a Huram de maa no no, na ɔmaa Israelfoɔ kɔtenaa hɔ. 3 Na Salomo sii mu kɔɔ Hamat-soba kɔdii so. 4 Na ɔkyekyeree Tadmor wɔ ɛserɛ so ne adekora nkuro a ɔkyekyeree no Hamat no […]