Misraim fire mu nkonyaa 1 Israel firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ man mu no, 2 Yuda yɛɛ ne kronkronbea, na Israel yɛɛ ne tumidibea. 3 Ɛpo hunui, na ɛdwanee, Yordan sanee n’akyi. 4 Na nkokoɔ yɛɛ sɛ nnwammaa. Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini, 5 Ɛpo, ɛdeɛn na ɛyɛɛ woɔ na woredwane, na wo Yordan […]
Author Archives: admin
Nnwom 115
Onyankopɔn nko na anidie sɛ no 1 Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na animuonyam nka, w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti. 2 Adɛn na amanaman nka sɛ: Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ? 3 Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ. 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa […]
Nnwom 116
Deɛ wɔagye no nkwa no aseda ne ne bɔhyɛ 1 Medɔ AWURADE sɛ ɔtie me nne ne me nkotosrɛ. 2 Na wabrɛ n’aso ase ama me, enti mete ase yi, mɛbɔ ne din. 3 Owuo nhoma kyekyeree me, na Asamando ahohia too me, mehunuu ahodwan ne awerɛhoɔ. 4 Na AWURADE din na mebɔɔ sɛ: O […]
Nnwom 117
Monyi Onyankopɔn ayɛ 1 Amanaman nyinaa, monyi AWURADE ayɛ, aman nyinaa, monkamfo no. 2 Na n’adɔeɛ so yɛn so, na AWURADE nokorɛ wɔ hɔ daa. Monyi AWURADE ayɛ.
Nnwom 118
Asafo no aseda dwom 1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Ma Israel nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 3 Ma Aaron fiefoɔ nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 4 Ma wɔn a wɔsuro AWURADE nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 5 Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, […]
Nnwom 119
Nyankopɔn mmara ho anigyeɛ 1 Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara soɔ. 2 Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ, na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire, 3 nso wɔnyɛ amumuyɛdeɛ, na wɔnam n’akwan soɔ. 4 Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn sɛ yɛnni so koraa. 5 O, […]
Nnwom 120
Nkɔnkɔnsafoɔ Ɔsoroforɔ dwom. 1 AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no, na ɔtiee me. 2 AWURADE, yi me kra firi atorɔ ano, firi nnaadaa tɛkyerɛma mu. 3 Ɛdeɛn na wɔmfa mma woɔ, na ɛdeɛn na wɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkyerɛma? 4 Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. 5 […]
Nnwom 121
Israel hwɛfoɔ Ɔsoroforɔ dwom. 1 Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba? 2 Me mmoa firi AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. 3 Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko. 4 Hwɛ, deɛ ɔhwɛ Israel no, ɔrento nko, na ɔrenna. 5 AWURADE ne wo hwɛfoɔ, AWURADE ne […]
Nnwom 122
Ɔkwantuni anigyeɛ ne apɛdeɛ Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fie. 2 Yɛn nan bɛgyina w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem. 3 Yerusalem a wɔakyekyere no sɛ kuro a ɛtoatoam yie. 4 Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ, mekyerɛ AWURADE mmusuakuo, sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ, sɛdeɛ nhyehyɛɛ a […]
Nnwom 123
Nyankopɔn mu gyidie Ɔsoroforɔ dwom. 1 Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ, wo a wote soro no, 2 Hwɛ, sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn. 3 Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu […]