1 Yohane 2

Kristo yɛ Ɔkamafoɔ 1 Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo. 2 Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi. 3 Na sɛ […]

1 Yohane 3

1 Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no. 2 Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu […]

1 Yohane 4

Monsɔ ahonhom no nhwɛ 1 Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase. 2 Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu. 3 Na honhom biara a […]

2 Petro 1

Nkyea 1 Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu: 2 Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo, Nyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu. Okristoni frɛ ne ne yie no 3 Sɛdeɛ ne Nyankopɔn fam ahoɔden de […]

2 Petro 2

Akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ ne wɔn asotwe 1 Na adiyifoɔ atorofoɔ nso wɔ ɔman no mu, sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛeɛ fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ɔgyee wɔn no mpo, na wɔde ɔsɛeɛ a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so. 2 Na bebree bɛdi wɔn […]

2 Petro 3

Awurade ba no ho bɔhyɛ 1 Adɔfo, yei ne nwoma a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mabrɛ mo. Emu na mede nkaeɛ mekanyane mo adwene gyenegyene, 2 sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no. 3 Monhunu yei […]

1 Petro 1

Nkyea 1 Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn, 2 sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo. Anidasoɔ […]

1 Petro 2

Ɔboɔ a nkwa wɔ mu ne Ɔman kronkron 1 Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu, 2 na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu, 3 berɛ a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam yɛ. […]