Apontoɔ mu nteteeɛ 1 Sɛ wɔyɛ wo adidie ase panin a, ɛmmema wo ho so; fa wo ho frafra wɔn mu sɛ wɔn mu baako. Hwɛ wɔn yiedie kane ansa na woatena ase; 2 na ɛberɛ a woawie wo nnwuma nyinaa no, afei woatena ase, ama wo ne wɔn abom agye mo ani, na wɔama […]
Author Archives: admin
Sirak 33
1 Bɔne biara rento onipa a ɔsuro Awurade no, nanso wɔbɛyi no afiri sɔhwɛ mu da biara. 2 Onyansafoɔ rentane mmara no, na mmom onipa a ɔyɛ nyaatwom wɔ ho no te sɛ kodoɔ a ɛsi ahum soɔ. 3 Ɔbadwemma de ne werɛ bɛhyɛ mmara no mu; onipa a ɔte saa no, mmara no yɛ […]
Sirak 34
Daeɛ nkyerɛ hwee 1 Onipa a ɔnni nteaseɛ no, ɔwɔ anidasoɔ hunu a ɛyɛ nnaadaa, na daeɛ ma nkwaseafoɔ nya ntaban. 2 Sɛdeɛ obi a ɔkyere sunsum na ɔtaa mframa no, 3 Daeɛso mu adehunu nyɛ biribiara sɛ nsusuho, anim nsɛsoɔ a ɛrehwɛ ɔno ara ne ho. 4 Ɛbɛyɛ dɛn na woanya adeɛ a ɛho […]
Sirak 35
Afɔrebɔ ho mmara 1 Onipa a ɔdi mmara so no, ɔma afɔrebɔdeɛ bebree; 2 deɛ ɔyɛ setie ma mmara no bɔ afɔdeɛ ma yiedie. 3 Deɛ ɔyɛ adɔeɛ hyɛ adɔeɛ ananmu no, ɔma esiam papa, 4 na deɛ ɔkyɛ adeɛ no de aseda bɔ afɔdeɛ. 5 Awurade ani sɔ wɔn a wɔtwe wɔn ho firi […]
Sirak 36
Mpaeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ 1 O Onyankopɔn, hu yɛn nyinaa mmɔbɔ, 2 na ma wo suro nwira amanaman mu. 3 Ma wo nsa so tia ananafoɔ aman na ma wɔnhunu w’ahoɔden. 4 Sɛdeɛ wode yɛn akyerɛ wo kronkronyɛ akyerɛ wɔn no, saa ara na fa wɔn yi w’animuonyam no kyerɛ yɛn. 5 Afei […]
Sirak 37
Nnamfonom atorofoɔ 1 Adamfoɔ biara ka sɛ: Me nso meyɛ adamfoɔ; nanso nnamfonom binom wɔ hɔ a, wɔyɛ nnamfonom ara kɛkɛ. 2 Enti ɛnyɛ awerɛhoɔ te saa ara kɔ owuo ankasa mu, ɛberɛ a adamfoɔ dɔfoɔ bɛdane ɔtamfoɔ? 3 O bɔne nsusuiɛ, adɛn koraa na ɔnwenee woɔ sɛ fa nnaadaa kata asase no ani? 4 […]
Sirak 38
Deɛ ɛfa aduyɛfoɔ ne apɔmuden ho 1 Fa anidie ma aduyɛfoɔ wɔ wɔn dwumadie ho, ɛfiri sɛ Awurade na ɔbɔɔ wɔn; 2 na wɔn akyɛdeɛ a wɔde sa yadeɛ no firi Ɔsorosoroni no hɔ, na wɔnya wɔn akatua firi ɔhene hɔ. 3 Nimdeɛ a aduyɛfoɔ wɔ no ma wɔn yɛ animuonyamfoɔ, na wɔnya anisɔ wɔ […]
Sirak 39
1 Ɔhwehwɛ ahunu tetefoɔ no nyinaa nyansa akyiri kwan, na nkɔmhyɛ ahodoɔ no ho hia no, 2 ɔkora nsɛm a nnipa a wɔagye din no aka ato hɔ no so, na ɔhwehwɛ mmebuo ahuntasɛm mu; 3 ɔhwehwɛ mmebuo nkyerɛaseɛ a ahunta no mu, na ɔnya nteaseɛ wɔ mmebuo a ɛmmu nna hɔ pefee no mu. […]
Sirak 40
Adasamma mmɔborɔyɛ 1 Wɔbɔɔ adwumaden maa obiara, na wɔde kɔnnua duruduro ahyɛ Adam aseni biara kɔn mu, ɛfiri da a wɔfiri wɔn na yafunu mu baeɛ kɔsi da a wɔbɛsane akɔ ateasefoɔ nyinaa wɔn na hɔ. 2 Akoma mu haw ne suro yɛ wɔn kyɛfa, na ɛda adwene mu haw kɔsi wɔn wu da mu. […]
Sirak 41
Deɛ ɛfa owuo ho 1 O owuo, hwɛ sɛdeɛ wo ho adwene si yɛ nwono fa ma obi a ɔwɔ asomdwoeɛ wɔ agyapadeɛ ho, deɛ biribiara nha no na ɔdi yie wɔ biribiara mu, na ɔda so ara wɔ ahoɔden a ɔde di aduane! 2 O owuo, hwɛ sɛdeɛ ohiani ne deɛ n’ahoɔden resa gye […]