Numeri 23

Balak nkɔmhyɛ a ɛdi kan 1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha. 2 Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no […]

Numeri 24

Bileam hyɛ Israel ahotɔ ho nkɔm 1 Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so. 2 Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so, 3 na ɔkasae […]

Numeri 25

Israelfoɔ adwamammɔ ne abosonsom 1 Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman; 2 na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no; 3 na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuu Israel; 4 na AWURADE […]

Numeri 26

Wɔkan Israelfoɔ 1 Na ɔhaw no akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa sɛ: 2 Monkan Israelfoɔ asafo no nyinaa dodoɔ mfiri deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, Israel mu nnipa a wɔtumi kɔ sa nyinaa. 3 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ wɔn, Moab […]

Numeri 27

Selofehad mmammaa kyɛfa ho asɛm 1 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmammaa a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twe pinii; na ne mmammaa no din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 2 Na wɔbɛgyinaa Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, […]

Numeri 28

Daa afɔdeɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: M’ayɛyɛdeɛ, m’aduane a wɔde bɔ ogya afɔdeɛ ma no yi ehwa hwanhwam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne berɛ a ɛsɛ mu. 3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔdeɛ a momfa mmrɛ AWURADE […]

Numeri 29

Totorobɛnto afahyɛ afɔdeɛ 1 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da. 2 Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu; 3 ne ɛho aduane […]

Numeri 30

Bɔhyɛ ho mmara 1 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no so atitire sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ: 2 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ. 3 Na sɛ ɔbaa bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho […]

Numeri 31

Midianfoɔ sɛeɛ ne Bileam kum 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Tɔ Midianfoɔ so were ma Israelfoɔ, na ɛno akyiri no woati wo mpanimfoɔ wɔ asamando. 3 Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfoɔ so. 4 Israel mmusuakuo […]