Gideon frɛ 1 Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson. 2 Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae. 3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek […]
Author Archives: admin
Akannifoɔ 7
Gideon di Midianfoɔ so 1 Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman a wɔka wo ho no dɔɔso […]
Akannifoɔ 8
Midianfoɔ so nkonimdie awieeɛ 1 Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ […]
Akannifoɔ 9
Abimelek nnebɔne ne ne sɛeɛ 1 Ɛnna Yerubaal ba Abimelek sii mu kɔɔ Sekem ne na nuanom nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na n’agya fie abusua nyinaa sɛ: 2 Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa […]
Akannifoɔ 10
Tola ne Yair ho asɛm 1 Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so. 2 Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Na ɔwui, na wɔsiee no Samir. 3 Na n’akyiri no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ […]
Akannifoɔ 11
Yefta, ne nkonimdie ne ne bɔhyɛ 1 Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nam, nanso ɔyɛ ɔbaa dwamamfoɔ bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta. 2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa […]
Akannifoɔ 14
Samson awadeɛ ne n’aborɔme no 1 Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi. 2 Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware. 3 Na n’agya ne ne na ka […]
Akannifoɔ 15
Samson ne nsakraman ahasa no 1 Na ɛbaa sɛ ɛkyɛree kakra no, ayuotwa berɛ mu no, Samson de abirekyie ba kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkaa sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbaa n’agya amma no kwan amma no ankɔ mu. 2 Na ɔbaa n’agya kaa sɛ: Me deɛ, mese wompɛ […]
Akannifoɔ 16
Samson soa Gasa apono kɔ 1 Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn. 2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ […]
Akannifoɔ 17
Mika ahonisom 1 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika. 2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na […]