Wɔsra Yehu ngo si no Israel so hene 1 Na Odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa ngo toa yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-gilead. 2 Na sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu hɔ, na kɔ mu, na ma no nsɔre […]
Author Archives: admin
2 Ahemfo 10
Yehu sɛe Ahab fie 1 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson wɔ Samaria. Na Yehu twerɛtwerɛɛ nwoma na ɔsoma maa wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanimfoɔ ne Ahab mmagyegyefoɔ no sɛ: 2 Sɛ nwoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne nkuro a wɔato ho […]
2 Ahemfo 11
Atalia ahennie ne ne wuo 1 Na Ahasia ne na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔree na ɔsɛee adehyeɛ abusua no nyinaa. 2 Na Ɔhene Yoram babaa Yehoseba, Ahasia nuabaa, faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu de no ne ne ɔbagyegyefoɔ kɔɔ pia mu, […]
2 Ahemfo 12
Yehoas di Yuda so hene 1 Yehu afe a ɛtɔ so nson so na Yehoas bɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan wɔ Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba. 2 Na Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada na ɔkyerɛkyerɛɛ no. 3 Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi; […]
2 Ahemfo 13
Yehoahas di Israel so hene 1 Yudahene Ahasia ba Yoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa so na Yehu ba Yehoahas bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ dunson. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔdii Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi; wamfiri ho. 3 Na AWURADE bo fu […]
2 Ahemfo 14
Amasia di Yuda so hene 1 Israelhene Yoahas ba Yoas afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Yoas ba Amasia bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadin a ɔfiri Yerusalem. 3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE […]
2 Ahemfo 15
Asaria di Yuda so hene 1 Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Yudahene Amasia ba Asaria bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfirinhyia aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ɔfiri Yerusalem. 3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, […]
2 Ahemfo 16
Ahas di Yuda so hene 1 Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so dunson mu na Yudahene Yotam ba Ahas bɛdii hene. 2 Ahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu, na ɔdii hene mfirinhyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE, ne Nyankopɔn, ani so sɛ n’agya Dawid. 3 Na ɔfaa Israel ahemfo kwan […]
2 Ahemfo 17
Hosea yɛ Israel hene a ɔdi akyire 1 Yudahene Ahas afe a ɛtɔ so dummienu mu na Ela ba Hosea bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ nkron. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso na ɛnte sɛ Israel ahemfo a wɔdii n’anim no. 3 Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ […]
2 Ahemfo 18
Hesekia di Yuda so hene 1 Na Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Yudahene Ahas ba Hesekia bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abi a ɔyɛ Sakaria babaa. 3 Na ɔyɛɛ deɛ […]