Israel aberempɔn kwadwom
1 Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom
2 na ka sɛ:
Adɛn na wo na,
gyatabereɛ no butu
agyatanini ntam
yɛne ne mma gyataburuwa mu?
3 Na ɔyɛnee ne mma mu baako,
ɔyɛɛ gyataburuwa
na ɔsuaa ahayɔ;
ɔdii nnipa nam,
4 na amanaman tee ne nka,
na wɔkyeree no wɔn amena mu,
na wɔde hwene mu kaa twee no
kɔɔ Misraim asase so.
5 Na ne na hunuu sɛ watwɛn,
nanso n’anidasoɔ ayera no,
ɔfaa ne mma mu bi
de no yɛɛ gyataburuwa.
6 Na ɔnenam agyata mu no,
ɔyɛɛ gyataburuwa,
na ɔsuaa ahayɔ;
ɔdii nnipa nam.
7 Na ɔhunuu wɔn akunafoɔ,
na ɔbobɔɔ wɔn nkuro,
na ne mmobomu gyegyeegye nti,
asase no ne ne mayɛ sɛee.
8 Ɛnna amanaman a wɔfiri nsase soɔ no
ba bɛtwaa ne ho hyiaeɛ,
na wɔde wɔn asau trɛɛ ne so,
wɔkyeree no wɔ wɔn amena mu,
9 na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no
de no hyɛɛ ebuo mu,
na wɔde no kɔmaa Babel hene,
na wɔde no siee abankɛseɛ mu,
deɛ ɛbɛyɛ na wɔnte ne nne bio wɔ
Israel mmepɔ soɔ.
10 Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe
a wɔatɛ no nsuo ho,
nsuo pii nti
n’aba ne ne mman baa yie.
11 Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den
na ɛyɛɛ ahemfo mpoma,
na ne kɛseyɛ korɔn
kɔduruu mununkum kusuu ntam,
na wɔhunuu no ne korɔn mu,
ne ne mman dodoɔ mu.
12 Na wɔtuu no anibereɛ so
too no hwee fam,
na apueeɛ mframa kusaa n’aba no;
ne mpoma a na ɛyɛ den no
bubui na ɛtwintwamee,
na ogya hyee.
13 Na afei wɔatɛ no ɛserɛ so,
asase pɛsɛɛ a ɛdi sukɔm so.
14 Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu
ahye n’aba,
na poma a ɛyɛ den
a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio.
Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.