Adɛn nti na Onyankopɔn ntea abɔnefoɔ ntɛm so 1 Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka, na wɔn a wɔni no no nhunu saa berɛ no? 2 Ebinom deɛ wɔtwe ɛhyeɛ, wɔfom mmoakuo fa yɛne wɔn. 3 Wɔka nwisiaa afunumu kɔ, wɔgye akunafoɔ nantwie awowa. 4 Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so […]
Monthly Archives: July 2017
Hiob 25
Hwan ne onipa wɔ Nyankopɔn anim? 1 Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ: 2 Tumidie ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoeɛ ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ. 3 N’asafo ano wɔ abuyɛ? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ? 4 Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no […]
Hiob 26
Hiob kyerɛ Nyankopɔn kɛseyɛ 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Woaboa deɛ ɔnni tumi sɛn? Ɛdeɛn na woayɛ de agye basa a ɛnni ahoɔden? 3 Afotuo bɛn na woatu deɛ ɔnni nyansa, na woaka nimdeɛsɛm pa a ɛdɔɔso anaa? 4 Hwan na woaka nsɛm akyerɛ no, na hwan ahome na afiri wo mu yi? […]
Hiob 27
Hiob kyerɛ ne bemdie ne abɔnefoɔ ahotɔ a ɛnkyɛ 1 Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: 2 Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem korɔ ne Otumfoɔ a ɔhyɛ me kra awerɛhoɔ no te aseɛ yi, — 3 na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene […]
Hiob 28
Ɛhe na nyansa firi? Mpeepee Nyankopɔn nyansa mu 1 Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ. 2 Dadeɛ nso wɔtu no famu, na wɔnane aboɔ yɛ kɔbere. 3 Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kɔduru akyirikyiri pɛ sum kabii ne sunsum mu aboɔ. 4 Ɔtu nkoron deɛ obi […]
Hiob 29
Hiob kyerɛ n’ahotɔ a atwam 1 Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: 2 O, sɛ anka mereyɛ sɛdeɛ na meteɛ akane abosome no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no ɛ! 3 Berɛ a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantee sum mu no! 4 Sɛdeɛ na meteɛ wɔ me […]
Hiob 30
Hiob kyerɛ ne seesei asetena a ɛyɛ mmɔborɔ 1 Na afei wɔn a mekyɛne wɔn panin koraa sere me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn bɛhyɛ me nkraman a wɔhwɛ me nnwankuo so mu, 2 wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa? 3 Ohia ne ɛkɔm nti wɔatwintwam, […]
Hiob 31
Hiob kyerɛ sɛ n’abrabɔ tene 1 Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu? 2 Na anka ɛdeɛn ne Nyankopɔn kyɛfa a ɛfiri soro, ne Otumfoɔ agyapadeɛ a ɛfiri sorɔnsorɔmmea? 3 Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ, na akatua denden ne amumuyɛfoɔ deɛ anaa? 4 Ɛnyɛ ɔno na ɔhunu m’akwan, na […]
Hiob 32
Elihu asɛnka a ɛdi kan. Ɔkyerɛ deɛ enti a ɔkasa 1 Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni. 2 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn. 3 Na ne […]
Hiob 33
1 Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ, na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa. 2 Hwɛ, mabue m’ano, me tɛkyerɛma rekasa me dodom. 3 M’akomam teeyɛ ne me nsɛm, m’ano ka nimdeɛ kronkron. 4 Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa. 5 Sɛ wobɛtumi a, yi ano kyerɛ […]