Nyankopɔn adebɔ mu ayeyie 1 Me kra, hyira AWURADE. AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔhran ne animuonyam. 2 Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam, 3 ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam. 4 Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ, ɔde ogya a ɛderɛ yɛ […]
Monthly Archives: July 2017
Nnwom 105
Onyankopɔn ne ne Man 1 Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. 2 Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no, monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka. 3 Momfa ne din kronkron nhyehyɛ mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no akoma ntɔ wɔn yam. 4 Mompɛ AWURADE ne ne tumi […]
Nnwom 106
Nyankopɔn adɔeɛ ne Israel bonniayɛ 1 Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Hwan na ɔbɛtumi aka AWURADE mmaninneɛ, na wama wɔate n’ayeyie nyinaa? 3 Nhyira ne wɔn a wɔkura atemmuo mu, ne deɛ ɔdi asɛntenenee daa nyinaa. 4 AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, […]
Nnwom 107
Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no aseda dwom 1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam, 3 na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam. 4 Wɔkyinkyinii […]
Nnwom 108
Adɔeɛ ho ayeyie ne mmoa ho adesrɛ Dawid dwom. 1 M’akoma atim, Onyankopɔn, m’akoma atim! Mɛto dwom, na mayi ayɛ! Me kra nyane! 2 Bɛnta ne sankuten, monyane, mɛnyane anɔpahema. 3 AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyie dwom mama wo, aman mu. 4 Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro, na wo nokorɛ duru […]
Nnwom 109
Atamfoɔ bɔne no nnue! Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 M’ayeyie Nyankopɔn, mmua w’ano. 2 Na abɔnefoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me, wɔde atɛkyerɛma torofoɔ akeka me ho nsɛm, 3 na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa. 4 Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu, na me […]
Nnwom 110
Ɔsɔfoɔ a ɔdi hene Dawid dwom 1 AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. 2 Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!” 3 Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ […]
Nnwom 111
Nyankopɔn nnepa ho ayeyie 1 Monyi AWURADE ayɛ! Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE, ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu. 2 AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyire kwan. 3 N’adwuma yɛ anidie ne animuonyam, na ne tenenee gyina hɔ daa. 4 Wama wɔakae n’anwanwadeɛ, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE. 5 Ɔma […]
Nnwom 112
Nyankopɔn suro mu nhyira 1 Monyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE, na ɔnya ne mmara ho anika pii. 2 N’asefoɔ bɛyɛ kɛseɛ asase so, wɔhyira teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ. 3 Adeɛ ne ahonya wɔ ne fie, na ne tenenee wɔ hɔ daa. 4 Hann pue sum mu ma nnipa tenenee, ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ […]
Nnwom 113
Onyankopɔn dom ahobrɛasefoɔ 1 Monyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ, monyi AWURADE din ayɛ. 2 Nhyira nka AWURADE din mfiri nnɛ nkɔsi daa. 3 Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie. 4 Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’animuonyam tra ɔsoro. 5 Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea […]