Wɔbɔ Yeremia duam na wɔgyae no 1 Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa sɛ: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Kɔgyina AWURADE fie abannwa mu, na Yuda nkuro a wɔba AWURADE fie asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu […]
Monthly Archives: July 2017
Yeremia 27
Wɔmfa wɔn ho nhyɛ Babel kɔnnua ase 1 Yudahene Sedekiaa ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ: 2 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn; 3 na fa abɔfoɔ a wɔbaa Yudahene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mane […]
Yeremia 28
Yeremia ne odiyifoɔ torofoɔ Hanania 1 Na afe no ara mu, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ afe a ɛtɔ so nnan no bosome a ɛtɔ so nnum so, Asur ba Odiyifoɔ Hanania a ɔfiri Gibeon no ka kyerɛɛ me wɔ AWURADE fie, asɔfoɔ ne ɔman no nyinaa anim sɛ: 2 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ […]
Yeremia 29
Nwoma a Yeremia de kɔmaa atukɔfoɔ no 1 Nso Odiyifoɔ Yeremia twerɛɛ nsɛm yi hyɛɛ nwoma mu de firi Yerusalem manee atukɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne nkurɔfoɔ a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa, 2 berɛ a Ɔhene Yekonia ne ɔhene ne na ne mpiafoɔ ne […]
Yeremia 30
Israel ne Yuda nkrabea 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se: 2 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ woɔ yi hyɛ nwoma mu fa. 3 Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum bɛsane aba, AWURADE na ɔseɛ, […]
Yeremia 31
Israel ne Yuda daakye apam 1 Ɛberɛ no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm nie, na wɔn nso ayɛ me ɔman. 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano no anya adom ɛserɛ so; berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no. 3 AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na […]
Yeremia 32
Yeremia tɔ afuo bi 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so du a ɛne Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no soɔ nie. 2 Ɛno mu, na Babel hene dɔm aka Yerusalem ahyɛ mu, na Odiyifoɔ Yeremia da dua mu, Yuda ahemfie awɛmfoɔ abannwa mu. 3 Na […]
Yeremia 33
Wɔgye wɔn firi Babel nsam 1 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa mprenu, berɛ a na ɔda so da duam awɛmfoɔ abannwa mu hɔ sɛ: 2 Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ: 3 Frɛ me, na mɛgye wo […]
Yeremia 35
Rekabfoɔ nhwɛsoɔ 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ soɔ nie: 2 Kɔ Rekabfoɔfie, na ɛne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fie mpia no baako mu, na ma wɔn nsa nnom. 3 Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne […]
Yeremia 36
Wɔkenkan nkɔmhyɛ nwoma no 1 Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu, asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ […]