Ɔman no sɛeɛ 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Nware yere, na nnya mmabanin ne mmammaa wɔ ha yi. 3 Na sɛdeɛ AWURADE ka no mmabanin ne mmammaa a wɔwɔ wɔn ha yi, ne wɔn nanom a wɔwɔ wɔn ne wɔn agyanom a wɔwɔ wɔn asase yi soɔ no ho nie: 4 […]
Monthly Archives: July 2017
Yeremia 17
Yuda bɔne ne n’asotwe 1 Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so, 2 berɛ a wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkokoɔ sorɔnsorɔn soɔ no. 3 Me bepɔ ne ɛho asase, mede w’ahodeɛ ne […]
Yeremia 18
Nyankopɔn nnisoɔ no nsususoɔ 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie: 2 Sɔre siane kɔ ɔnwonfoɔ fie, na mɛma woate me nsɛm hɔ. 3 Ɛnna mesiane kɔɔ ɔnwomfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ n’aboɔ so adwuma. 4 Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade […]
Yeremia 19
Yuda sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ bi 1 Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho, 2 na firi adi kɔ Hinom ba bonhwa a ɛwɔ anwomfoɔ pono ano no mu, na pae nsɛm a mɛka akyerɛ wo no wɔ […]
Yeremia 20
Pasur yɛ Yeremia aninyanneɛ 1 Na Imer ba Pasur, ɔsɔfoɔ a ɔyɛ AWURADE fie so titire no tee sɛ Yeremia reka adiyisɛm yi no, 2 Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu. 3 Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no […]
Yeremia 21
Yerusalem asehweɛ ho nkɔmhyɛ 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Ɔhene Sedekia somaa Malkia ba Pasur ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania baa ne nkyɛn sɛ: 2 Bisa AWURADE hɔ adeɛ ma yɛn, ɛfiri sɛ Babelhene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako, ebia AWURADE ne yɛn bɛdi no sɛdeɛ n’anwanwadeɛ no nyinaa […]
Yeremia 22
Wɔbɔ ahemfiefoɔ kɔkɔ. Atemmuo no 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Siane kɔ Yuda hene fie, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ: 2 Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid akonnwa soɔ no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apono yi mu ba mu no. 3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee […]
Yeremia 23
Ahwɛfoɔ bɔne ne ɔhwɛfoɔ pa 1 Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe me nnwankuo bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm nie. 2 Enti sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ wɔ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no ho nie: Mo na moabɔ me nnwankuo no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, mo na merebɛtua mo mo nneyɛɛ […]
Yeremia 24
Mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu no ho anisoadehunu 1 AWURADE maa mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim nie, ɛberɛ a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔɔ Babel no. 2 Kɛntɛn baako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte […]
Yeremia 25
Yuda ne amanaman ho atemmusɛm 1 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan (a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛdi kan no mu) 2 a Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ, Yuda man no nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfoɔ nyinaa nie: 3 Ɛfiri Yudahene Yosia a […]