Atemmuo no bɛba 1 O Benyamin mma, mommɔ mo ho adwaa mfiri Yerusalem! Na monhyɛne totorobɛnto wɔ Tekoa, na monsi frankaa Bet-hakerem! na adebɔne bi ne ɔsɛeɛ kɛseɛ repue afiri atifi fam. 2 Ɔhoɔfɛni a ɔdɔ ne ho no, Sion babaa no, mɛtwa no atwene. 3 Mmoahwɛfoɔ ne wɔn mmoakuo bɛba ne so; wɔbɛsisi wɔn […]
Monthly Archives: July 2017
Yeremia 7
Aniani nyamesom 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, sɛ: 2 Kɔgyina AWURADE fie ponkɛseɛ mu, na kɔpae asɛm yi hɔ ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, mo Yudafoɔ nyinaa a mofa aponkɛseɛ yi mu bɛsɔre AWURADE. 3 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie, na […]
Yeremia 8
Atemmuo no huyɛ 1 Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, wɔbɛsa Yuda ahemfo nnompe, n’asafohene nnompe, asɔfoɔ nnompe, adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu, 2 na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyire kwan na wɔsɔree wɔn […]
Yeremia 9
1 O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo. 2 Sɛ merenya akwantemfoɔ asoɛeɛ wɔ anwea pradada so ɛ! Anka mɛgya me man hɔ, na mafiri wɔn nkyɛn makɔ! ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ asafo. 3 Na wɔkuntunu wɔn […]
Yeremia 10
Nokorɛ Nyamesom ne abosonsom 1 O Israel fie, montie asɛm a AWURADE reka akyerɛ mo: 2 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnsua amanaman kwan, na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ, na amanaman na ɛsuro wɔn. 3 Na aman no atorɔmudeɛ yɛ atorɔ, na ɛyɛ dua a wɔatwa no afiri kwaeɛ mu, odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde dadeɛ […]
Yeremia 11
Nyankopɔn apam 1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie: 2 Tie apam yi mu nsɛm, na ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ. 3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔadome deɛ ɔnte apam yi mu nsɛm 4 a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase […]
Yeremia 12
Yeremia asɛmmisa ne n’abooboodie 1 O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn? 2 Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini; wɔnyinyini na wɔsoso aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne […]
Yeremia 13
Ɔman no seanteɛ 1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu. 2 Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene. 3 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu soɔ sɛ: 4 Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a […]
Yeremia 14
Ɛweɛ berɛ ne emu hia 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie: 2 Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro. 3 Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa; wɔba nsubɔnhwa ano, wɔnnya nsuo; wɔde wɔn […]
Yeremia 15
1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ! 2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔsɛ wuo no, […]