1 Ma w’ani nwu sɛ woreti deɛ woate no mu, ne sɛ wobɛda ahuntasɛm adi. Ɛno na wobɛkyerɛ aniwuo ankasa, na woanya nnipa nyinaa anim adom. Mma w’ani nwu wɔ nnoɔma a ɛdidi soɔ yi ho, na ɛnyɛ bɔne mfa mpɛ anim pa: 2 Mma w’ani nwu wɔ Ɔsorosoroni no mmara ne n’apam ho, ne […]
Monthly Archives: July 2017
Sirak 43
Owia animuonyam 1 Ɔsorosoro ahohyehyɛ ne ewiem nsamsoɔ hann no, sɛ animuonyam a wɔhwɛ sɛ ɔsoro ahwɛeɛ. 2 Sɛ owia pue a, ɛka berɛ a ɛrepue, hwɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ nwanwa, Ɔsorosoroni no nsa ano adwuma. 3 Awiaberɛ ɛma asase so wo, na hwan na ɔbɛtumi agyina ne hyeɛ denden no ano? 4 Onipa a […]
Sirak 44
Dwom a wɔde hyɛ tetefoɔ animuonyam 1 Afei momma yɛnto ayeyie dwom ma nnipa akunini, yɛn tetefoɔ wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. 2 Awurade na ɔde animuonyam kɛseɛ memaa wɔn, ne tumi firi mfitiaseɛ no. 3 Wɔn mu binom de wɔn akokoɔduro dii tumi wɔ wɔn ahemman mu, na wɔnam wɔn akokoɔduro so gyee din […]
Sirak 45
1 na Onyankopɔn ne nnipa dɔɔ no, Mose a ne ho nkaeɛ yɛ nhyira. 2 Ɔmaa no nyaa animuonyam te sɛ akronkronfoɔ no mu bi ara pɛpɛɛpɛ, na ɔyɛɛ no kɛseɛ, na ɔmaa n’atamfoɔ suroo no. 3 Ɔnam n’asɛm so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ɔhare so; Awurade hyɛɛ no animuonyam wɔ ahemfo anim. Ɔde mmara maa no […]
Sirak 46
Yosua ne Kaleb 1 Num ba Yosua yɛ ɔkatakyie wɔ ɔko mu, na ɔsii Mose ananmu wɔ nkɔmhyɛ dwumadie mu. Ɔbɛyɛɛ, te sɛdeɛ ne din kyerɛ no, agyenkwa kɛseɛ a Onyankopɔn ayi no, sɛ ɔntɔ wɔn atamfoɔ a wɔsɔre tiaa wɔn no so werɛ, ama ɔde Israel agyapadeɛ ama wɔn. 2 Hwɛ animuonyam a na […]
Sirak 47
Natan 1 N’akyi na Natan a na ɔyɛ odiyifoɔ wɔ Dawid berɛ so baeɛ. Dawid 2 Na sɛdeɛ wɔyi sradeɛ firi prɔmprɔmyɛ afɔrebɔdeɛ mu no, saa ara na wɔyii Dawid firii Israelfoɔ mu. 3 Ɔne agyata dii agorɔ te sɛ deɛ wɔyɛ mmirekyiemma, ne asisire te sɛ deɛ wɔyɛ nnwammaa wɔ nnwankuo mu. 4 Ne […]
Sirak 48
Elia 1 Ɛnna afei Elia sɔreeɛ, odiyifoɔ a ɔte sɛ ogya, na n’asɛm hyee sɛ ogyatɛnee. 2 Na ɔmaa ɛkɔm baa wɔn so, na ɛnam ne nsiyɛ so, ɔmaa wɔn dodoɔ yɛɛ kakra bi. 3 Ɔnam Awurade anom asɛm so too ɔsoro mu, na mprɛnsa so ɔmaa ogya firii soro baeɛ. 4 Hwɛ animuonyam a […]
Sirak 50
Onia ba Simon 1 Ne nuanom mu ɔkannifoɔ ne ne man mu ahohoahoadeɛ yɛ ɔsɔfo panin, Onia ba Simon, a ne nkwa berɛ mu ɔsiesiee efie no, na ne berɛ so ɔbɔɔ asɔrefie no ho ban no. 2 Ɔtoo afasuo atenten mmienu no ho fapem, sumpii atenten a wɔde wowa afasuo a ɛtwa asɔrefie no […]
Sirak 51
Sirak ba Yesu mpaeɛ 1 O Awurade ne Ɔhene, mede aseda ma wo, na meyi wo ayɛ, O me Nyankopɔn ne m’Agyenkwa. Mede aseda ma wo din, 2 ɛfiri sɛ wo na woayɛ me banbɔfoɔ ne me boafoɔ na woagye me afiri ɔsɛeɛ ne nsekuro tɛkyerɛma fidisum mu, afiri anofafa a ɛka atorosɛm mu. Wɔ […]
Nyansa 1
Tenenee ho afotuo 1 Monnɔ tenenee, mo asase so atumfoɔ, momfa papayɛ nnwene Awurade ho, na momfa nokorɛdie akoma nhwehwɛ no; 2 ɛfiri sɛ wɔn a wɔnsɔ no nhwɛ no na wɔhu no, na ɔda ne ho adi kyerɛ wɔn a wɔwɔ ne mu awerɛhyɛmu. 3 Na bɔne adwene tete nnipa ne Onyankopɔn ntam, na […]