Numeri 13

Akwansrafoɔ no 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi. 3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, […]

Numeri 14

Ɔman no nwiinwii 1 Ɛnna asafo mu no nyinaa memaa wɔn nne soɔ, na ɔman no suu anadwo no. 2 Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko […]

Numeri 15

Aduane afɔdeɛ ho mmara 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ moduru asase a morekɔtena soɔ a me ara mede merema mo no so, 3 na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ […]

Numeri 16

Kora, Datan ne Abiram atuateɛ 1 Kora a n’agya ne Isehar a ɔyɛ Lewi ba Kohat ba no ne Eliab mma Datan, Abiram ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben abusua mu, faa nnipa bi, 2 na wɔne Israelfoɔ mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ abadwafoɔ, nnipa […]

Numeri 17

Aaron poma fefɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no, na gyegye wɔn hɔ wɔn mpanimfie mu mpoma mmaako mmaako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no, na twerɛtwerɛ wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so. 3 Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri […]

Numeri 18

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ som adwuma ne wɔn kyɛfa 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanimfie nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumuyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodie ho amumuyɛ. 2 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn […]

Numeri 19

Ahodwira nsuo nsiesieeɛ ne ɛho mmara 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Yei ne mmara mu ahyɛdeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa nantwibereɛ kɔkɔɔ a ɔdi mu a ɔnni dɛm a kɔnnua nkɔɔ ne so pɛn mmrɛ wo; 3 na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na […]

Numeri 20

Nsɛm a ɛsisii wɔ Kades 1 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara. 2 Na nsuo nni hɔ mma asafo no, na wɔhyia tiaa Mose ne Aaron. 3 Na ɔman no […]

Numeri 21

Israelfoɔ sɛe Kanaanfoɔ 1 Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb no tee sɛ Israel aba Atarim kwan soɔ no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum. 2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa. 3 Na AWURADE tiee Israel […]

Numeri 22

Balak soma ma wɔkɔhyia Bileam 1 Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko agya. 2 Na Sipor ba Balak hunuu deɛ Israel yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa. 3 Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti. 4 Na Moab […]