Natan Asɛm a ɔde kɔmaa Dawid 1 Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase. 2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi. 3 Na anadwo […]
Monthly Archives: July 2017
1 Berɛsosɛm 18
Dawid mmaninneɛ ne ne mpanimfoɔ 1 Na yei akyiri no, Dawid kunkumm Filistifoɔ, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifoɔ nsam. 2 Na ɔdii Moabfoɔ nso so, na Moabfoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no. 3 Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ […]
1 Berɛsosɛm 19
Amonfoɔ ne Siriafoɔ so nkonimdie 1 Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene Nahas wui, na ne ba bɛdii n’adeɛ. 2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, na n’agya yɛɛ me adɔeɛ. Na Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wuo nti. Na Dawid nkoa no sii mu kɔɔ Amonfoɔ asase so, […]
1 Berɛsosɛm 20
Dawid ko fa Raba 1 Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui. 2 Na Dawid yii wɔn hene abotire firii ne ti, na ɔhunuu sɛ ne […]
1 Berɛsosɛm 22
Dawid siesie asɔredan sie ho 1 Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no. 2 Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no. 3 Na Dawid siesiee dadeɛ […]
1 Berɛsosɛm 23
Lewifoɔ som ho nhyehyɛɛ 1 Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene. 2 Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae. 3 Na wɔkan Lewifoɔ no, nnipa a wɔadi mfirinhyia aduasa ne akyire no, na wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa nwɔtwe. 4 Yeinom […]
1 Berɛsosɛm 24
Asɔfokuo ahodoɔ aduonu nnan no 1 Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar. 2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ. 3 Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ɔfiri Eleasa mma mu, […]
1 Berɛsosɛm 25
Adwontofoɔ no kuo ahodoɔ aduonu nnan 1 Nso Dawid ne ɛdom so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔmfa nsankutene ne mmɛnta ne nnawuro so nsom, nhyɛ nkɔm. Na nnipa a na wɔyɛ adwuma no sɛdeɛ wɔn som ne wɔn dodoɔ teɛ nie: 2 Asaf mma mu: Sakur, […]
1 Berɛsosɛm 26
Apono ano ahwɛfoɔ 1 Apono ano ahwɛfoɔ no mu nkyekyɛmu nie: Korafoɔ no mu: Kore ba Meselemia, ɔfiri Asaf mma mu. 2 Na Meselemia wɔ mma: Sakaria n’abakan, Yediael tɔ so mmienu, Sebadia tɔ so mmiɛnsa, Yatniel tɔ so nnan, 3 Elam tɔ so nnum, Yohanan tɔ so nsia, Eliehoenai tɔ so nson. 4 Na […]
1 Berɛsosɛm 27
Asafohene dummienu no 1 Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa […]